Hwɛ no yie sɛ wode wa plɔgi wo Chromebook no. Ɛwɔ sɛ wohu kania kitiwaa bi wɔ bebia wode gyagya no hyɛ.
Mia miasoɔ na wode sɔ no so. Ɛno na ɛwɔ wonsa nifa soro a ɛhyɛ kibɔd kɔna mu hɔ. Twen animu 10 sɛ ɛyɛ adwuma anaa.
Sɛ Chromebook no nsɔ yea, yɛ srɛ bra yɛn Mfidie Mboa kraatafa so ma akwankyerɛ pii anaa ma mboa tikiti.
Sɛ wowɔ WPS hotspot noa, yɛsrɛ hwɛ yɛn hotspot nhyehyɛ kraatafa.
Hwɛ sɛ wo WiFi ahoɔden noyɛ. Ɛbɛ hia wobɛ twe abɛn bebia WiFi no fri ɛɛba (router anaa hotspot).
Hwɛ sɛ wode paswɛd papa no na ama wo WiFi no. Ma wo ani nkɔ nɔmba ɛna nkyrɔe a ɛsɛ tesɛ 1 (baako), I (L ne ba), ɛn I (i ne panyin).
Sɛ wo dahoa nya haw bia, yɛsrɛ bra yɛn Mfidie Mboa kraatafa ma akwankyreɛ pii anaa ma yɛn mboa tikiti.
Nia ɛtaa ma saa ɔhaw wei ba ne wo spɛllin mfumsoɔ. Hwɛ wo spɛlin yie paa ɛna ma wo ani nkɔ nɔmba ɛna nkyrɔe soronko a ɛsɛ tesɛ 1 (baako), I (L ne ba), ɛn I (i ne panyin).
Sɛ wo spɛlin no yɛ wobɛ tumi abisa ama yɛ asesa wo paswɛd ama wo. Wode sukuuni din ɛna Ahyɛnsodie nɔmba bɛ mane afa emeeli so akɔ mailadmin@worcesterschools.net ɛna bisa ma yɛn sesa wo paswɛd. Sɛ yɛ sesa, paswɛd no bɛyɛ sukuuni no afeda yɛde woo no: MmDDYYYY.
Ma ɔhaw biara wontumi nnyɛ no nsɛm pii wɔ yɛn wɛbsaite, bra yɛn mfidie Mboa kraatafa.