Sԑ wopԑsԑ wonya Worcester Aban Nsukuu dwumadini bi ne no de kasa foforɔ bia ԑnyԑ Brofokasa di inkitahoo a’, yԑn amansin yi wɔ Kasa Asekyerԑfoɔ 240+ wɔ kasa hodoɔ mu mmrԑ biara. Sԑ wo frԑ sukuu hɔ a’ ka kyerԑ dwumadinii a’ obeyi ahomatorofo (telephone) ano sԑ wohia sԑ wobenya kasa asekyerԑfoɔ. Wɔn bԑ srԑ sԑ nya abotare gyina ahomatorofo no so twԑn kakra sԑnea wɔn benya ɔboafoɔ ama wo. Sԑ wopԑsԑ wo ne ɔkyerԑkyerԑfoɔ soronko bi anaa dwumadinii bi twetwe nkɔmmɔ a’, wo betumi asan afa koowaabɔ kwanso ama no email sԑ wɔn nfrԑ wo ԑma wo kasa asekyerԑfo, anaa sԑ wɔn nyԑ nshyiamu da pɔtee, sԑnea akyerԑkyerԑni ne kasa asekyerԑfo ԑne wo betumi ayԑ videoconference.